Jeremiah 9


1Ao, sɛ me ti yɛ asuti,
na mʼaniwa yɛ nusu abura a!
Mɛtew nusu awia ne anadwo
ama me nkurɔfo a wɔakunkum wɔn no.

2 Ao, sɛ mewɔ akwantufo asoɛe
wɔ nweatam no so a
anka megyaw me nkurɔfo hɔ
na mafi wɔn nkyɛn;
efisɛ wɔn nyinaa yɛ nguaman,
nnipakuw a wonni nokware.


3 “Wosiesie wɔn tɛkrɛma
te sɛ agyan de di atoro;
Ɛnyɛ nokware so na wɔnam
di yiye wɔ asase yi so.
Wɔyɛ bɔne toatoa so;
na wonnye me nto mu,”
Awurade na ose.

4 “Monhwɛ yiye wɔ mo nnamfonom ho;
munnye obiara nni wɔ mo abusua mu.
Efisɛ wɔn mu biara yɛ ɔdaadaafo,
na adamfo biara yɛ ɔsɛefo.

5 Adamfo daadaa adamfo,
na wɔn mu biara nka nokware.
Wɔn tɛkrɛma akokwaw atorodi mu,
wɔde bɔneyɛ haw wɔn ho.

6 Wote nnaadaa mfimfini;
na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wogye me to mu,”
sɛnea Awurade se ni.

7Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade se, “Hwɛ, mɛnan wɔn asɔ wɔn ahwɛ,
na dɛn bio na metumi ayɛ
esiane me nkurɔfo yi bɔne nti?

8 Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ bɔre;
ɛka nnaadaasɛm.
Obiara kasa asomdwoe mu kyerɛ ne yɔnko,
nanso ne koma mu de, osum no afiri.

9 Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?”
Sɛɛ na Awurade se.
“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?

10 Mesu na metwa adwo ama mmepɔw no,
mɛbɔ abubuw a ɛfa nweatam adidibea ho.
Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio,
na wɔnte anantwi su wɔ hɔ.
Wim nnomaa no atutu kɔ
na mmoa no nso aguan kɔ.


11 “Mɛyɛ Yerusalem mmubui siw,
sakraman atu;
na mɛma Yuda nkurow ada mpan
sɛnea obiara ntumi ntena hɔ.”

12Onipa bɛn na onim nyansa ara sɛ ɔbɛte eyi ase? Hena na Awurade akyerɛkyerɛ no a obetumi akyerɛ ase? Adɛn nti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ nweatam a obiara ntumi mfa so?

13Awurade kae se, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no nti, wɔanyɛ osetie amma me na wɔanni me mmara so. 14Mmom, wɔadi wɔn koma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛnea wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a wɔde awuduru afra. 16Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so no so, na mede afoa bɛtaa wɔn kosi sɛ mɛsɛe wɔn.”

17Sɛnea Awurade tumfo se ni: “Dwene ho! Frɛ mmea agyaadwotwafo no,
frɛ wɔn a wɔakwadaw mu pa ara.

18 Ma wɔmmra ntɛm
mmesu ngu yɛn so
kosi sɛ yɛn ani so bɛtaa nusu
na nusu aguare yɛn.

19 Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se,
‘Wɔasɛe yɛn!
Yɛn anim agu ase yiye!
Ɛsɛ sɛ yetu fi yɛn asase so
efisɛ yɛn afi abubu.’ ”


20 Afei, mo mmea, muntie Awurade asɛm;
monyɛ aso mma nsɛm a efi nʼanom.
Monkyerɛ mo mmabea sɛnea wotwa dwo;
monkyerɛ mo ho mo ho abubuwbɔ.

21 Owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu
ahyɛn yɛn aban mu;
apam mmofra afi mmɔnten so
ne mmerante afi ɔman aguabɔbea.

22Ka se, “Sɛɛ Na Awurade se, “ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ
te sɛ sumina a egugu petee mu,
te sɛ aburow a nnɔbaetwafo atwa agu nʼakyi
a obiara mmoaboaa ano.’ ”

23Eyi ne nea Awurade se: “Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho
anaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho
anaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.

24 Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ
ɔwɔ nhumu, na onim sɛ,
me ne Awurade a ɔyɛ adɔe,
na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so,
efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,”
sɛnea Awurade se ni.

25“Nna no reba,” Awurade na ose, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: 26Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo ne wɔn a wɔtete nweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokware, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofo na mpo Israelfi nyinaa yɛ koma mu momonotofo.”
Copyright information for TwiAKNA